Nnwom 113

Monkamfo Awurade. Monkamfo Awurade, mo a moyɛ nʼasomfo no, monkamfo Awurade din. Momma wɔnkamfo Awurade din, mprempren ne daa nyinaa. Efi faako a owia pue kosi faako a ɛkɔtɔ, ma wɔnkamfo Awurade din. Wɔama Awurade so aman nyinaa so, nʼanuonyam tra ɔsorosoro. Hena na ɔte sɛ Awurade yɛn Nyankopɔn, Ɔbaako no a odi hene wɔ ɔsorosoro, ɔno na ɔbɔ ne mu ase hwɛ ɔsorosoro ne asase? Ɔma ahiafo so fi mfutuma mu na ɔma onnibi so fi nso siw so; ɔde wɔn tena mmapɔmma mu, wɔn nkurɔfo mmapɔmma mu. Ɔbɔ obonin atenase wɔ ne fi sɛ ɔbeatan a nʼani gye. Monkamfo Awurade.

Akuapem Twi Bible

copyright © 1996, 2020 Biblica, Inc — CC-BY-SA-4.0 — CC-BY-SA-4.0

뉴스레터 구독

새로운 프로필과 행사, 플랫폼 소식을 받아 보세요.