Nnwom 23

Awurade ne me hwɛfo, hwee renhia me. Ɔma meda wura frɔmfrɔm adidibea; ogya me kɔ nsu a ɛho dwo ho, odwudwo me kra. Ɔde me fa akwantrenee so, ne din nti. Sɛ menam owu sum kabii mu mpo a, minsuro bɔne bi, efisɛ wo ne me na ɛwɔ hɔ; wʼabaa ne wo pema na ɛkyekye me werɛ. Woto me pon wɔ mʼatamfo anim. Wode ngo fɔw me tirim; me kuruwa yɛ ma bu so. Yiye ne adɔe nko na ebedi mʼakyi me nkwanna nyinaa; na mɛtena Awurade fi daa.

Akuapem Twi Bible

copyright © 1996, 2020 Biblica, Inc — CC-BY-SA-4.0 — CC-BY-SA-4.0

뉴스레터 구독

새로운 프로필과 행사, 플랫폼 소식을 받아 보세요.