Nnwom 76

Onyankopɔn din ahyeta wɔ Yuda; ne din so wɔ Israel. Ne ntamadan si Salem, ne tenabea wɔ Sion. Ɛhɔ na obubuu mmemma a ɛpa gya, nkatabo ne afoa, akode nyinaa mu. Wo ho hann no hyerɛn, na woso sen mmepɔw a mmoadoma ahyɛ mu ma no. Mmarima akokodurufo deda hɔ a wɔagye wɔn ho nneɛma, wɔadeda awufo nna; na akofo no mu baako mpo ntumi mma ne nsa so. Yakob Nyankopɔn, wokaa wɔn anim no apɔnkɔ no ne nteaseɛnam no adeda dinn. Wo nko ara na ɛsɛ sɛ wosuro wo. Sɛ wo bo fuw a hena na obetumi agyina wʼanim? Wubuu atɛn fii ɔsoro, asase suroe, na ɛyɛɛ komm, bere a wo, Onyankopɔn, sɔre buu atɛn, de gyee amanehunufo wɔ asase no so no. Ampa ara wʼabufuwhyew a etia nnipa no de ayeyi brɛ wo, na wɔn a wotumi gyina ano no nya kɔkɔbɔ. Monhyɛ Awurade mo Nyankopɔn no bɔ na munni so; momma nsase a atwa ne ho ahyia mfa ayɛyɛde mmrɛ Ɔbaako a ɛsɛ sɛ wosuro no no. Ɔbrɛ sodifonom honhom ase; na asase so ahemfo suro no.

Akuapem Twi Bible

copyright © 1996, 2020 Biblica, Inc — CC-BY-SA-4.0 — CC-BY-SA-4.0

뉴스레터 구독

새로운 프로필과 행사, 플랫폼 소식을 받아 보세요.