Nnwom 128

Nhyira ne wɔn a wosuro Awurade, na wɔnantew nʼakwan so. Wubedi wʼadwuma so aba; nhyira ne yiyedi bɛyɛ wo de. Wo yere bɛyɛ sɛ bobe a ɛsow aba wɔ wo fi; na wo mmabarima ayɛ sɛ ngodua a afifi atwa wo pon ho ahyia. Yiw, sɛɛ ne nea wobehyira onipa a osuro Awurade no. Awurade nhyira wo mfi Sion na ɔmma wunhu Yerusalem yiyeyɛ; wo nkwanna nyinaa. Ɔmma wo ntena ase nhu wo mma mma. Asomdwoe nka Israel.

Akuapem Twi Bible

copyright © 1996, 2020 Biblica, Inc — CC-BY-SA-4.0 — CC-BY-SA-4.0

뉴스레터 구독

새로운 프로필과 행사, 플랫폼 소식을 받아 보세요.