Nnwom 114

Bere a Israelfo fii Misraim, na Yakobfifo fii ananafo asase so no, Yuda bɛyɛɛ Awurade kronkronbea na Israel bɛyɛɛ nʼaheman. Po no hwɛe, na eguanee, Yordan san nʼakyi; Mmepɔw huruhuruwii sɛ adwennini, nkoko nso huruhuruwii sɛ nguantenmma. Dɛn na ɛbae, ɛpo, na wuguanee? Yordan, adɛn, na wosan wʼakyi? Mmepɔw, adɛn, na muhuruhuruw sɛ adwennini, na mo nkoko, muhuruhuruw sɛ nguantenmma yi? Asase, ma wo ho mpopo wɔ Awurade anim, wɔ Yakob Nyankopɔn anim, ɔno na ɔmaa ɔbotan no dan asubura, na ɔbotan dennen dan nsuwa aniwa no.

Akuapem Twi Bible

copyright © 1996, 2020 Biblica, Inc — CC-BY-SA-4.0 — CC-BY-SA-4.0

뉴스레터 구독

새로운 프로필과 행사, 플랫폼 소식을 받아 보세요.