Nnwom 3

Awurade, hwɛ sɛnea mʼatamfo dɔɔso fa! dodow no ara na wɔsɔre tia me! Bebree no ara ka fa me ho se, “Onyankopɔn rennye no.” Nanso wo, Awurade, woyɛ nkatabo a atwa me ho ahyia mʼanuonyam, nea Ɔpagyaw me ti. Meteɛ mu su frɛ Awurade, na ogye me so fi ne bepɔw kronkron no so. Metɔ hɔ na meda a, minyan bio, efisɛ Awurade ma migyina. Merensuro atamfo mpem mpem a wɔatwa me ho ahyia no. Sɔre, Awurade! Gye me, me Nyankopɔn! Bobɔ mʼatamfo nyinaa abogye; na tutu amumɔyɛfo se. Awurade hɔ na ogye fi ba. Ma wo nhyira mmra wo nkurɔfo so.

Akuapem Twi Bible

copyright © 1996, 2020 Biblica, Inc — CC-BY-SA-4.0 — CC-BY-SA-4.0

뉴스레터 구독

새로운 프로필과 행사, 플랫폼 소식을 받아 보세요.