Monkamfo Awurade. Monkamfo Awurade, mo a moyɛ nʼasomfo no, monkamfo Awurade din.Momma wɔnkamfo Awurade din, mprempren ne daa nyinaa.Efi faako a owia pue kosi faako a ɛkɔtɔ, ma wɔnkamfo Awurade din.Wɔama Awurade so aman nyinaa so, nʼanuonyam tra ɔsorosoro.Hena na ɔte sɛ Awurade yɛn Nyankopɔn, Ɔbaako no a odi hene wɔ ɔsorosoro,ɔno na ɔbɔ ne mu ase hwɛ ɔsorosoro ne asase?Ɔma ahiafo so fi mfutuma mu na ɔma onnibi so fi nso siw so;ɔde wɔn tena mmapɔmma mu, wɔn nkurɔfo mmapɔmma mu.Ɔbɔ obonin atenase wɔ ne fi sɛ ɔbeatan a nʼani gye. Monkamfo Awurade.