Momfa mma Awurade no, mo ɔsoro abɔde, momfa anuonyam ne tumi mma Awurade.Momfa anuonyam a ɛfata Awurade din mma no; monsɔre Awurade wɔ nʼanuonyam kronkron mu.Awurade nne wɔ nsu no so; anuonyam Nyankopɔn bobɔ mu, Awurade bobɔ mu wɔ nsu akɛse so.Awurade nne mu wɔ tumi; Awurade nne mu wɔ anuonyam.Awurade nne bubu sida; Awurade nne bubu Lebanon sida mu nketenketeƆma Lebanon huruhuruw te sɛ nantwi ba, na Sirion nso sɛ ɛko ba.Awurade nne pa ma anyinam gya dɛw.Awurade nne wosow sare so; Awurade wosow Kades sare.Awurade nne kyinkyim adum na ɛma kwae yɛ kwaterekwa. Nʼasɔredan mufo nyinaa teɛ mu ka se, “Anuonyam nka Onyankopɔn!”Awurade di hene wɔ nsuyiri so; wɔasi Awurade hene afebɔɔ.Awurade ma ne nkurɔfo ahoɔden, na ɔde asomdwoe hyira wɔn.