Nnwom 120

Misu frɛ Awurade wɔ mʼahohiahia mu, na ogye me so. Awurade, gye me fi atoro ano, ne nnaadaa tɛkrɛma nsam. Dɛn na ɔbɛyɛ wo, na dɛn na ɛka ho bio, wo nnaadaa tɛkrɛma? Ɔde asraafo bɛmma a ano yɛ nnam ne nnyansramma bɛtwe wʼaso. Nnome nka me sɛ metena Mesek, na mete Kedar ntamadan mu! Matena wɔn a wokyi asomdwoe mu akyɛ dodo. Meyɛ asomdwoe nipa; nanso sɛ mekasa a, wɔde yɛ ɔko.

Akuapem Twi Bible

copyright © 1996, 2020 Biblica, Inc — CC-BY-SA-4.0 — CC-BY-SA-4.0

뉴스레터 구독

새로운 프로필과 행사, 플랫폼 소식을 받아 보세요.