Medɔ Awurade efisɛ, ɔtee me nne. Ɔtee me mmɔborɔsu.Esiane sɛ ɔbrɛɛ nʼaso ase maa me nti, mɛfrɛ no wɔ bere a mete ase yi.Owu ahama bebaree me, ɔda ho yawdi baa me so, ɔhaw ne awerɛhow hyɛɛ me so.Afei mebɔɔ Awurade din kae se, “ Awurade, gye me nkwa!”Awurade yɛ ɔdomfo ne ɔtreneeni; ayamhyehye ahyɛ yɛn Nyankopɔn ma.Awurade bɔ ɔwɛmfo ho ban; bere a mewɔ ahohia mu no, ogyee me.Nya abotɔyam bio, me kra, efisɛ Awurade ne wo adi no yiye.Na wo, Awurade, woagye me kra afi owu mu; woamma mʼani amporow nisu, na woamma mʼanan anhintiwsɛ mɛnantew Awurade anim wɔ ateasefo asase so.Migye dii; ɛno nti mekae se, “Mewɔ ahohia kɛse mu.”Na mʼahokyere mu mekae se, “Nnipa nyinaa yɛ atorofo.”Dɛn na metumi de atua Awurade ka wɔ ne papa a wayɛ me nyinaa?Mɛma nkwagye kuruwa no so na mabɔ Awurade din.Medi bɔ a mahyɛ Awurade no nyinaa so wɔ ne nkurɔfo nyinaa anim.Awurade nkoa nokwafo wu som bo wɔ Awurade ani so.Awurade, ampa ara meyɛ wo somfo; meyɛ wo somfo, wʼafenaa babarima; woayi me afi me mpokyerɛ mu.Mɛbɔ aseda afɔre ama wo na mabɔ Awurade din.Medi me ntam a maka Awurade no so wɔ ne nkurɔfo nyinaa anim,wɔ adiwo a ɛwɔ Awurade fi no, wɔ wʼanim, Yerusalem. Monkamfo Awurade.