Nnwom 112

Monkamfo Awurade. Nhyira nka onipa a osuro Awurade na onya nʼahyɛde mu anigye pii. Ne mma bɛyɛ atumfo wɔ asase no so; atreneefo awo ntoatoaso benya nhyira. Ahonya ne sika wɔ ne fi, na ne trenee tena hɔ daa. Sum mu mpo hann pue ma nnipa a wɔteɛ, ma ɔdomfo, mmɔborɔhunufo ne ɔnokwafo. Yiyedi bɛba wɔn a wɔn tirim yɛ mmerɛw na wɔde fɛm kwa, wɔn a wɔde atɛntrenee yɛ wɔn nneɛma no so. Ampa ara ɔrenhinhim da biara da; wɔbɛkae onipa trenee daa. Ɔte asɛmmɔne a, ɛmmɔ no hu; ne koma si pi wɔ Awurade mu ahotoso mu. Ne koma wɔ bammɔ, na onsuro; awiei no ɔde nkonimdi behyia nʼatamfo. Ɔtow nʼakyɛde pete aman so ma ahiafo nea wohia, nʼadɔe no tena hɔ daa; wɔbɛkae wɔn daa na wɔahyɛ wɔn anuonyam. Omumɔyɛfo behu ama ayɛ no yaw, ɔbɛtwɛre ne se na wafɔn; omumɔyɛfo tirimpɔw bɛyɛ ɔkwa.

Akuapem Twi Bible

copyright © 1996, 2020 Biblica, Inc — CC-BY-SA-4.0 — CC-BY-SA-4.0

Подписаться на нашу рассылку

Следите за новыми профилями, мероприятиями и обновлениями платформы.