Ɔkwasea ka wɔ ne koma mu se, “Onyankopɔn bi nni hɔ.” Porɔwee adi wɔn, na wɔn akwan yɛ animguase. Obiara nni hɔ a ɔyɛ ade pa.Onyankopɔn fi ɔsoro hwɛ adesamma wɔ fam sɛ obehu wɔn mu bi a wɔwɔ ntease, anaa ebinom a wɔhwehwɛ Onyankopɔn.Nanso nnipa nyinaa atwe wɔn ho afi Onyankopɔn ho; wɔn nyinaa ayɛ bɔne. Obiara nni hɔ a ɔyɛ papa. Ɔbaako mpo nni hɔ.Enti abɔnefo rensua nyansa ana? Wɔwe me nkurɔfo sɛnea nnipa di aduan. Wonnsu mfrɛ Onyankopɔn.Wɔn na wɔwɔ hɔ a wɔabɔ huboa wɔ faako a ehu nni. Onyankopɔn hwetee wɔn a wɔtow hyɛɛ wo so no nnompe mu; wuguu wɔn anim ase, efisɛ Onyankopɔn buu wɔn animtiaa.Ao, Israel nkwagye mfi Sion mmra! Awurade bɛsan de ne nkurɔfo agyapade ama wɔn. Na Yakob adi ahurusi, na Israel ani agye!