Nnwom 116

Medɔ Awurade efisɛ, ɔtee me nne. Ɔtee me mmɔborɔsu. Esiane sɛ ɔbrɛɛ nʼaso ase maa me nti, mɛfrɛ no wɔ bere a mete ase yi. Owu ahama bebaree me, ɔda ho yawdi baa me so, ɔhaw ne awerɛhow hyɛɛ me so. Afei mebɔɔ Awurade din kae se, “ Awurade, gye me nkwa!” Awurade yɛ ɔdomfo ne ɔtreneeni; ayamhyehye ahyɛ yɛn Nyankopɔn ma. Awurade bɔ ɔwɛmfo ho ban; bere a mewɔ ahohia mu no, ogyee me. Nya abotɔyam bio, me kra, efisɛ Awurade ne wo adi no yiye. Na wo, Awurade, woagye me kra afi owu mu; woamma mʼani amporow nisu, na woamma mʼanan anhintiw sɛ mɛnantew Awurade anim wɔ ateasefo asase so. Migye dii; ɛno nti mekae se, “Mewɔ ahohia kɛse mu.” Na mʼahokyere mu mekae se, “Nnipa nyinaa yɛ atorofo.” Dɛn na metumi de atua Awurade ka wɔ ne papa a wayɛ me nyinaa? Mɛma nkwagye kuruwa no so na mabɔ Awurade din. Medi bɔ a mahyɛ Awurade no nyinaa so wɔ ne nkurɔfo nyinaa anim. Awurade nkoa nokwafo wu som bo wɔ Awurade ani so. Awurade, ampa ara meyɛ wo somfo; meyɛ wo somfo, wʼafenaa babarima; woayi me afi me mpokyerɛ mu. Mɛbɔ aseda afɔre ama wo na mabɔ Awurade din. Medi me ntam a maka Awurade no so wɔ ne nkurɔfo nyinaa anim, wɔ adiwo a ɛwɔ Awurade fi no, wɔ wʼanim, Yerusalem. Monkamfo Awurade.

Akuapem Twi Bible

copyright © 1996, 2020 Biblica, Inc — CC-BY-SA-4.0 — CC-BY-SA-4.0

Iscriviti alla nostra newsletter

Resta aggiornato su nuovi profili, eventi e novità della piattaforma.