Nnwom 54

Ao, Onyankopɔn, gye me wɔ wo din mu; fa wo tumi bu me bem. Ao, Onyankopɔn, tie me mpaebɔ; tie mʼanom nsɛm. Ahɔho retow ahyɛ me so. Atirimɔdenfo rehwehwɛ me akum me; nnipa a wɔmmfa Onyankopɔn nyɛ hwee. Ampa ara, Onyankopɔn ne me boafo; Awurade ne me hwɛfo. Ma mmusu nkyim mmra wɔn a wodi me ho nseku no so; wo nokwaredi mu, sɛe wɔn. Mefi me pɛ mu abɔ afɔre ama wo; Awurade, meyi wo din ayɛ, efisɛ eye. Woagye me afi me haw nyinaa mu, na mʼani ahu nkonimdi wɔ mʼatamfo so.

Akuapem Twi Bible

copyright © 1996, 2020 Biblica, Inc — CC-BY-SA-4.0 — CC-BY-SA-4.0

الاشتراك في نشرتنا الإخبارية

ابقَ على اطلاع بالملفات الجديدة والفعاليات وتحديثات المنصة.