Nnwom 87

Wato ne fapem wɔ bepɔw kronkron no so; Awurade dɔ Sion apon no sen Yakob atenae nyinaa. Wɔka wo ho anuonyamsɛm Onyankopɔn kuropɔn: “Mede Rahab ne Babilonia bɛka wɔn a wɔyɛ osetie ma me no ho, Filistia, Tiro ne Kus nso na maka se, ‘Wɔwoo eyinom wɔ Sion.’ ” Ampa ara wɔbɛka afa Sion ho se, “Wɔwoo oyi ne ɔno wɔ no mu, na Ɔsorosoroni no ankasa de no betim hɔ.” Awurade bɛkyerɛw wɔ nnipa dinkyerɛw nhoma no mu se, “Wɔwoo oyi wɔ Sion.” Na wɔbɛto dwom se, “Me ntin nyinaa wɔ wo mu.”

Akuapem Twi Bible

copyright © 1996, 2020 Biblica, Inc — CC-BY-SA-4.0 — CC-BY-SA-4.0

الاشتراك في نشرتنا الإخبارية

ابقَ على اطلاع بالملفات الجديدة والفعاليات وتحديثات المنصة.