Bere a Awurade de Sion fi nnommum san bae no, yɛyɛɛ sɛ wɔn a wɔsosoo adae.Ɔserew hyɛɛ yɛn anom ma, anigye nnwom hyɛɛ yɛn tɛkrɛma so ma. Na wɔkaa wɔ amanaman no mu se, “ Awurade ayɛ nneɛma akɛse ama wɔn.”Awurade ayɛ nneɛma akɛse ama yɛn, na anigye ahyɛ yɛn ma.Awurade, san fa yɛn siade ma yɛn, te sɛ nsuwansuwa a ɛwɔ Negeb no.Wɔn a wodua no nusu mu no de anigye nnwom betwa.Wɔn a wɔde osu fi adi so aba a wɔrekodua no, de anigye nnwom bɛsan aba a wɔsoso nnɔbae afiafi.