Ao, Onyankopɔn, gye me wɔ wo din mu; fa wo tumi bu me bem.Ao, Onyankopɔn, tie me mpaebɔ; tie mʼanom nsɛm.Ahɔho retow ahyɛ me so. Atirimɔdenfo rehwehwɛ me akum me; nnipa a wɔmmfa Onyankopɔn nyɛ hwee.Ampa ara, Onyankopɔn ne me boafo; Awurade ne me hwɛfo.Ma mmusu nkyim mmra wɔn a wodi me ho nseku no so; wo nokwaredi mu, sɛe wɔn.Mefi me pɛ mu abɔ afɔre ama wo; Awurade, meyi wo din ayɛ, efisɛ eye.Woagye me afi me haw nyinaa mu, na mʼani ahu nkonimdi wɔ mʼatamfo so.