Nnwom 1

Nhyira ne onipa a ontie amumɔyɛfo afotu na onni nnebɔneyɛfo nhwɛso akyi na ɔntena fɛwdifo tenabea. Na mmom, Awurade mmara sɔ nʼani, na osusuw ho awia ne anadwo. Ɔte sɛ dua a wɔatɛw wɔ asuten ho, na ɛsow nʼaba ne bere mu a nʼahaban no nguan da. Nea ɔyɛ biara yɛ yiye. Nanso nnebɔneyɛfo nte saa; wɔte sɛ ntɛtɛ a mframa bɔ gu. Enti amumɔyɛfo rentumi nnyina atemmu no ano, na nnebɔneyɛfo nso rentena atreneefo asafo mu. Efisɛ Awurade kyerɛ ɔtreneeni kwan nanso amumɔyɛfo kwan de, ɛbɛyera.

Akuapem Twi Bible

copyright © 1996, 2020 Biblica, Inc — CC-BY-SA-4.0 — CC-BY-SA-4.0

Subskrybuj nasz newsletter

Bądź na bieżąco z nowymi profilami, wydarzeniami i nowościami platformy.