Nnwom 142

Meteam mesu frɛ Awurade; me ma me nne so su frɛ Awurade sɛ ɔnhunu me mmɔbɔ. Mehwie mʼahiasɛm megu nʼanim; meka me haw kyerɛ no. Sɛ me ɔkra tɔ baha wɔ me mu a, ɛyɛ wo na wonim mʼakwan. Ɛkwan a menam so no nnipa asum me afidie wɔ so. Hwɛ me nifa so na hunu sɛ; mʼasɛm mfa obiara ho; menni dwanekɔbea bi; me nkwa mfa obiara ho. Ao Awurade, mesu mefrɛ wo; mese, “Wone me dwanekɔbea, me kyɛfa wɔ ateasefoɔ asase so.” Tie me sufrɛ, na mewɔ ahohia kɛseɛ mu; gye me firi mʼataafoɔ nsam, ɛfiri sɛ wɔn ho yɛ den sene me. Yi me firi me nneduadan mu, na makamfo wo din. Afei teneneefoɔ bɛtwa me ho ahyia ɛsiane wo papa a woayɛ me enti.

Asante Twi Bible

copyright © 1996, 2020 Biblica, Inc — CC-BY-SA-4.0 — CC-BY-SA-4.0

뉴스레터 구독

새로운 프로필과 행사, 플랫폼 소식을 받아 보세요.