Nnwom 13

Ao, Awurade, ɛnkɔsi da bɛn? Wo werɛ bɛfiri me afebɔɔ anaa? Ɛnkɔsi da bɛn na wode wʼanim bɛhinta me? Ɛnkɔsi da bɛn na mene mʼadwendwene bɛdi apereapereɛ na awerɛhoɔ ahyɛ mʼakoma mu daa? Mʼatamfoɔ nni me so nkonim nkɔsi da bɛn? Te wʼani hwɛ me na bua me, Ao, Awurade, me Onyankopɔn. Ma mʼani so nyɛ hann, na manna owuo nna. Me ɔtamfoɔ bɛka sɛ, “Madi ne so nkonim.” Na mʼahohiahiafoɔ bɛdi ahurisie ɛberɛ a mahwe ase. Nanso mede me ho to wo dɔ a ɛnsa da no so; mʼakoma di ahurisie wɔ wo nkwagyeɛ mu. Mɛto dwom ama Awurade, ɛfiri sɛ ɔne me adi no yie.

Asante Twi Bible

copyright © 1996, 2020 Biblica, Inc — CC-BY-SA-4.0 — CC-BY-SA-4.0

뉴스레터 구독

새로운 프로필과 행사, 플랫폼 소식을 받아 보세요.