Awurade, yɛ aso ma me nsɛm na dwen mʼapinisi ho.Tie me mmoa ho sufrɛ, me Hene ne me Nyankopɔn, efisɛ wo na mebɔ wo mpae.Awurade, wote me nne anɔpa; anɔpa, mede mʼadesrɛ ba wʼanim na mede anidaso twɛn.Wonyɛ Onyankopɔn a wʼani gye bɔne ho; na amumɔyɛfo rentumi ne wo ntena.Ahantanfo rentumi nnyina wʼanim; wukyi wɔn a wɔyɛ bɔne nyinaa.Wosɛe wɔn a wɔka atosɛm; Awurade kyi mogyapɛfo ne asisifo.Nanso me, wo mmɔborɔhunu bebrebe nti, mɛba wo fi; na nidi mu na mɛkotow akyerɛ wʼasɔredan kronkron no.Awurade kyerɛ me kwan wɔ wo trenee mu mʼatamfo nti, bɔ wo kwan tee wɔ mʼanim.Wɔn anom asɛm baako mpo nyɛ nokware; ɔsɛe ahyɛ wɔn koma ma. Wɔn menewa yɛ ɔda a so abue wɔde wɔn tɛkrɛma ka nnaadaasɛm.Onyankopɔn, bu wɔn fɔ! Ma wɔn pɔw bɔne nyɛ wɔn asehwe. Pam wɔn; esiane wɔn bɔne dodow no nti, efisɛ wɔasɔre atia wo.Nanso ma wɔn a woguan ba wo nkyɛn no ani nnye; ma wɔmfa anigye nto dwom daa. Trɛw wo bammɔ mu wɔ wɔn so, na wɔn a wɔdɔ wo din no ma wɔn ani nnye wɔ wo mu.Awurade, ampa ara, wuhyira atreneefo; na wode wʼayamye twa wɔn ho hyia sɛ nkatabo.