Me Nyankopɔn a mekamfo wo, nyɛ komm,na amumɔyɛfo ne nkontompofo atu wɔn ano agu me so; wɔde atoro tɛkrɛma akasa atia me.Wɔde nitansɛm atwa me ho ahyia na wɔtow hyɛ me so a menkaa wɔn.Wɔka nsɛm to me so de tua mʼadɔeyɛ so ka, nanso meyɛ obi a mepɛ mpaebɔ.Wɔde bɔne tua me papayɛ so ka, na wɔde ɔtan tua mʼadɔeyɛ so ka.Ma onipa bɔne bi nsɔre ntia no; na Satan nnyina ne nsa nifa so.Wodi nʼasɛm a, ma onni fɔ, na ne mpaebɔ mmu no kumfɔ.Ma ne nkwa nna nyɛ kakraa bi; na ɔfoforo nsi nʼanan mu sɛ ɔkannifo.Ma ne mma nyɛ ayisaa na ne yere nyɛ okunafo.Ma ne mma nkyinkyin nsrɛsrɛ ade; ma wɔmpam wɔn mfi wɔn afi a abubu no mu.Ma ɔdefirifo bi mfa nea ɔwɔ nyinaa; na ananafo mfom nʼadwuma so aba.Mma obiara nhu no, anaa ne ayisaa mmɔbɔ.Ma nʼase nhyew, na wɔn din nyera wɔ awo ntoatoaso a ɛreba no mu.Ma wɔnkae nʼagyanom nnebɔne wɔ Awurade anim; na ne na bɔne no ntena hɔ daa.Wɔn bɔne nyinaa nka Awurade anim, na wɔankae wɔn bio wɔ asase so.Efisɛ wannwene da sɛ ɔbɛyɛ adɔe, na mmom ɔtaa ahiafo mmɔborɔfo ne wɔn a wɔn werɛ ahow de kɔɔ owu mu.Nʼani gyee sɛ ɔbɛdome enti nnome mmra no so; wampɛ sɛ obehyira enti nhyira mmɔ no.Ɔhyɛɛ nnome sɛ atade; ɛno kɔɔ ne nipadua mu sɛ nsu, ne ne nnompe mu sɛ ngo.Ma ɛnyɛ sɛ atade a ɛkyekyere ne ho, ne abɔso a ɛbɔ no daa.Ma eyi nyɛ Awurade akatua a ɔde ma me sobobɔfo, wɔn a wɔka nsɛmmɔne fa me ho no.Nanso wo Asafo Awurade, wo din nti wo ne me nni no yiye; fi wʼadɔe mu gye me.Efisɛ meyɛ ohiani ne nea onni bi, na me koma atɔ beraw wɔ me mu.Mitwaa mu sɛ anwummere sunsuma; wopia me kyene sɛ mmoadabi.Mmuadadi ama me nkotodwe mu agugow; mafɔn, na ama aka me nnompe.Mayɛ aserewde ama wɔn a wɔbɔ me sobo; sɛ wohu me a, wɔwosow wɔn ti.Boa me, Awurade me Nyankopɔn; gye me sɛnea wʼadɔe te.Ma wonhu sɛ ɛyɛ wo nsa, na wo na woayɛ, Awurade.Wɔbɛdome, nanso wubehyira; sɛ wɔtow hyɛ me so a wɔn anim begu ase, nanso wo somfo ani begye.Mʼatamfo befura animguase; na akyekyere wɔn ho sɛ atade.Mede mʼano bɛma Awurade so ayɛ no kɛse; mɛkamfo no wɔ dɔm mu.Efisɛ ogyina ohiani nsa nifa so sɛ obegye no nkwa afi wɔn a wobu no kumfɔ nsam.