Nkamfo nka Awurade, me Botan, nea ɔma me nsa akodi ho ntetewee, ne me nsateaa ma ɔsa.Ɔyɛ mʼadɔe Nyankopɔn ne mʼabandennen, me bammɔ ne me gyefo, me kyɛm a mewɔ guankɔbea wɔ no mu, ɔno na ɔka nnipa hyɛ mʼase.Awurade, hena ne onipa a wʼani ku no ho onipa ba a wudwen ne ho yi?Onipa te sɛ ɔhome; ne nna te sɛ sunsuma a ɛretwa mu.Awurade, fi ɔsoro hɔ na sian bra fam; fa wo nsa ka mmepɔw, na emfi wusiw.Soma anyinam na bɔ atamfo no hwete; to wo mmɛmma no ma wonguan.Teɛ wo nsa fi ɔsoro bra fam; gye me na yi me fi nsu akɛse ho, fi ananafo nsam,wɔn a atoro ayɛ wɔn anom ma, na wɔn nsa nifa yɛ nnaadaa.Onyankopɔn, mɛto dwom foforo ama wo; mɛto dwom wɔ sanku a ahama du gu so so ama wo,ama Ɔbaako a ɔde nkonimdi ma ahemfo, na ogye ne somfo Dawid fi afoawerɛmfo ano.Gye me na yi me fi ananafo nsam, wɔn a atoro ayɛ wɔn anom ma na wɔn nsa nifa yɛ nnaadaa.Afei yɛn mmabarima mmerantebere mu bɛyɛ sɛ afifide a wɔahwɛ so yiye, na yɛn mmabea bɛyɛ sɛ adum a wɔasen de asiesie ahemfi.Yɛn asan bɛyɛ amaama; aduan ahorow biara bɛba so. Yɛn nguan dodow so bɛto mpem mpem, wɔn so bɛto mpem du du wɔ yɛn mfuw so;yɛn anantwi bɛtwe nnesoa duruduru. Wɔrennwiriw afasu, yɛrenkɔ nkoasom mu, na agyaadwotwa remma yɛn mmɔnten so.Nhyira nka nnipa a ɛbɛba mu saa ama wɔn. Nhyira nka nnipa a wɔn Nyankopɔn ne Awurade.