Nnwom 127

Sɛ Awurade ansi ɔdan no a, adansifo no yɛ ho adwuma kwa. Sɛ Awurade ammɔ kuropɔn no ho ban a, awɛmfo no wɛn kwa. Sɛ wosɔre anɔpahema na wotena kosi anadwo, na woyɛ adwumaden pɛ wʼano aduan a, ɛyɛ ɔkwa, efisɛ wɔn a ɔdɔ wɔn no, ɔma wɔn wɔ wɔn nnae mu. Mma yɛ agyapade a efi Awurade hɔ, na mma yɛ akatua a efi no. Mma a wɔwo wɔn mmabun bere mu no te sɛ agyan a ɛhyɛ ɔsraani nsam. Nhyira ne onipa a nʼagyan kotoku ayɛ ma. Nʼanim rengu ase bere a wahyia nʼatamfo wɔ kurow pon ano no.

Akuapem Twi Bible

copyright © 1996, 2020 Biblica, Inc — CC-BY-SA-4.0 — CC-BY-SA-4.0

订阅我们的新闻通讯

及时了解新的资料页、活动与平台更新。