Nnwom 121

Mema mʼani so kyerɛ mmepɔw no, ɛhe na me mmoa fi bɛba? Me mmoa fi Awurade, ɔsoro ne asase yɛfo no. Ɔremma wo nan nwatiri, nea ɔhwɛ wo no rentɔ nko. Ampa ara, nea ɔhwɛ Israel no rentɔ nko na ɔrenna. Awurade hwɛ wo so; Awurade ne wo nwini wɔ wo nsa nifa so; Owia rensɛe wo wɔ adekyee mu, na ɔsram nso rensɛe wo anadwo. Awurade bɛbɔ wo ho ban afi ɔsɛe nyinaa ho, ɔbɛhwɛ wo nkwa so; Awurade bɛhwɛ wʼadifi ne wo fieba so mprempren ne daa.

Akuapem Twi Bible

copyright © 1996, 2020 Biblica, Inc — CC-BY-SA-4.0 — CC-BY-SA-4.0

订阅我们的新闻通讯

及时了解新的资料页、活动与平台更新。