Ao Awurade, nka mʼanim wɔ wʼabofuo mu na ntwe mʼaso wɔ wʼabufuhyeɛ mu.Wo bɛmma ahwire me mu, na wo nsa adwerɛ me.Wʼabofuhyeɛ no enti, ahoɔden biara nni me mu; me bɔne enti, me nnompe ahodwo.Mʼafɔdie amene me te sɛ adesoa a emu yɛ duru dodo.Mʼakuro bɔn na aporɔ ɛsiane me bɔne mu agyimisɛm enti.Makoto na wɔabrɛ me ase; da mu nyinaa menantenante twa agyaadwoɔ.Mʼakyi dompe mu yea boro so: ahoɔden biara nni me onipadua mu.Mabrɛ na mapɛkyɛ koraa. Mʼakoma mu yea ma me si apinie.Ao Awurade, deɛ merehwɛ anim nyinaa da wʼanim; mʼapinisie nhintaa wo.Mʼakoma bɔ paripari, na mʼahoɔden asa mpo mʼaniwa aduru sum.Mʼapirakuro enti me nnamfonom ne mʼayɔnkofoɔ mmɛn me; mʼafipamfoɔ twe wɔn ho firi me ho.Wɔn a wɔpɛ sɛ wɔkum me no sum me mfidie, wɔn a wɔpɛ sɛ wɔha me no di me sɛeɛ ho nkɔmmɔ. Ɛda mu nyinaa wɔdwene nnaadaasɛm ho.Mete sɛ ɔsotifoɔ a ɔnte asɛm, mete sɛ mumu a ɔntumi nkasa.Mayɛ sɛ obi a ɔnte asɛm, deɛ nʼano ntumi mma mmuaeɛ.Ao Awurade, meretwɛn wo; Ao Awurade me Onyankopɔn, wobɛgye me so.Mekaa sɛ, “Mma wɔn ani nnye; anaa mma wɔnhoahoa wɔn ho wɔ me nan a awatiri no enti.”Mereyɛ mahwe ase, na me yea da so wɔ me mu.Meka me mfomsoɔ kyerɛ; me bɔne hyɛ me so.Bebree na wɔyɛ mʼatamfoɔ; wɔn a wɔtane me kwa no dɔɔso.Wɔn a wɔde bɔne tua me papa so ka no bɔ me ahohora ɛberɛ a mereyɛ papa.Ao, Awurade nnya me. Ao me Onyankopɔn, nkɔ akyiri!Bra ntɛm bɛboa me, Awurade, mʼAgyenkwa.