Nnwom 120

Mesu frɛ Awurade wɔ mʼahohiahia mu, na ɔgye me so. Ao Awurade, gye me firi atorɔ ano ne nnaadaa tɛkrɛma nsam. Ɛdeɛn na ɔbɛyɛ wo, na ɛdeɛn na ɛka ho bio, Ao nnaadaa tɛkrɛma? Ɔde asraafoɔ bɛmma a ano yɛ nnam ne gyasramma bɛtwe wʼaso. Nnome nka me sɛ mabɛsoɛ Mesek, na mete Kedar ntomadan mu! Matena ase akyɛre dodo wɔ wɔn a wɔkyiri asomdwoeɛ mu. Meyɛ asomdwoeɛ onipa; nanso sɛ mekasa a, ɛyɛ ɔko ma wɔn.

Asante Twi Bible

copyright © 1996, 2020 Biblica, Inc — CC-BY-SA-4.0 — CC-BY-SA-4.0

Подписаться на нашу рассылку

Следите за новыми профилями, мероприятиями и обновлениями платформы.