Monkamfo Awurade! Monkamfo Awurade mfi ɔsorosoro, monkamfo no wɔ ɔsoro sorɔnsorɔmmea.Nʼabɔfo nyinaa, monkamfo no, ne ɔsoro asafo nyinaa, monkamfo no.Owia ne ɔsram, monkamfo no, nsoromma a ɛhyerɛn nyinaa, monkamfo no.Monkamfo no, ɔsoro mu soro ne mo nsu a mowɔ ɔsoro atifi.Momma wɔn nyinaa nkamfo Awurade din, efisɛ ɔno na ɔhyɛ ma wɔbɔɔ wɔn.Ɔde wɔn sisii hɔ afebɔɔ; na ɔmaa ɔhyɛ nsɛm bi a ɛrentwa mu da.Monkamfo Awurade mfi asase so, mo po kɛse mu abɔde ne po bun nyinaa,anyinam ne mparuwbo, sukyerɛmma ne omununkum, ahum a moyɛ nʼapɛde,mo mmepɔw ne nkoko nyinaa, nnua a ɛsow aba ne sida nyinaa,nwura mu mmoa ne anantwi, abɔde nketewa ne nnomaa a wotu,asase ne amanaman nyinaa so ahemfo, mo mmapɔmma ne asase sodifo nyinaa,mmerante ne mmabaa, mmasiriwa ne mmofra nso.Ma wɔnkamfo Awurade din, na ne din so sen din biara; nʼanuonyam korɔn wɔ asase ne ɔsoro so.Wapagyaw mmɛn bi ama ne nkurɔfo, nʼahotewfo nyinaa nkamfo; Israelfo, nnipa a wɔda ne koma so no nkamfo. Monkamfo Awurade.