Sɛ anka Awurade nni yɛn afa a, ma Israel nka,Sɛ anka Awurade nni yɛn afa bere a nnipa tow hyɛɛ yɛn so,bere a wɔn abufuw sɔre tiaa yɛn a anka wɔmemenee yɛn anikann;anka nsuyiri no bebu afa yɛn so, anka ɔhweam no bɛtwe yɛn akɔ,anka nsu a ano yɛ den no bɛpra yɛn kɔ.Ayeyi nka Awurade a wamma ho kwan amma wɔamfa wɔn se antetew yɛn mu.Yɛaguan sɛ anomaa afi ofirisumfo afiri mu; wɔabubu afiri no, ama yɛaguan.Yɛn mmoa wɔ Awurade din mu, ɔsoro ne asase Yɛfo no.