Me ba, fa me nsɛm sie na kora mʼahyɛdeɛ wɔ wo mu.Di mʼahyɛdeɛ so na wobɛnya nkwa; bɔ me nkyerɛkyerɛ ho ban sɛ deɛ wodɔ noɔ.Kyekyere bɔ wo nsateaa ho; twerɛ no yie gu wʼakoma ɛpono so.Ka kyerɛ nyansa sɛ, “Wo yɛ me nuabaa,” na frɛ nteaseɛ wo busuani;Wɔbɛtwe wo afiri ɔbaawaresɛefoɔ ho, afiri ɔbaawarefoɔ sansani nsɛmmɔdɛ ho.Me fie mpomma ano mede mʼani faa ntokua mu.Mehunuu wɔ ntetekwaafoɔ mu, mehyɛɛ mmeranteɛ no mu baako nso, ɔbabunu a ɔnni adwene.Na ɔnam borɔno a ɛbɛn ɔbaa no fie so a nʼani kyerɛ ɔbaa no fieɛberɛ a ɔnwunu redwoɔ, na animu rebiribiri no.Afei ɔbaa bi firi bɛhyiaa no a wasiesie ne ho sɛ odwamanfoɔ a nnaadaa wɔ nʼakomam.(Ɔyɛ hyirenn na hwee mfa ne ho, ɔntena efie koraa;ɛnnɛ wɔhunu no mmɔntene so, ɔkyena na ɔte adwaberem, ɔtetɛ wɔ mmantwea mmantwea.)Ɔsɔɔ ne mu fee nʼano wamfɛre, na ɔkaa sɛ,“Mewɔ ayɔnkofa ayɛyɛdeɛ wɔ efie; ɛnnɛ madi me bɔhyɛ so.Enti mebaeɛ sɛ merebɛhyia wo; mehwehwɛɛ wo na mahunu wo!Mato me mpa mede nwera a wɔahyɛ no aduro a ɛfiri Misraim.Mede nnuhwam apete me mpa so: kurobo, pɛperɛ ne sinamon.Bra, ma yɛmfa ɔdɔ mmɔ ɔdɔ mu nkɔsi anɔpa;Me kunu nni efie; watu kwan na ɔbɛkyɛre.Ɔde sika a ɛdɔɔso hyɛɛ ne sikabɔtɔ ma na ɔremma kɔsi ɔsrane no korokumatwa berɛ mu.”Ɔde akorɔkorɔ bɔɔ no asɔn; ɔde nnaadaa nyaa no ne no daeɛ.Ɔdii nʼakyi prɛko pɛ te sɛ nantwie a ɔrekɔ akumiiɛ, anaa ɔwansane a ɔde ne tiri rekɔhyɛ hankrafidie mukɔsi sɛ bɛmma bɛhwire ne brɛboɔ mu, te sɛ anomaa a ɔrekɔtɔ anomaa afidie mu na ɔnnim sɛ ɔbɛhwere ne nkwa.Na afei, me mma, montie me; monyɛ aso mma deɛ meka.Mommma mo akoma mpatere nkɔ ne so na mommane mfa nʼakwan so.Bebree na wɔnam ne so ahwehwe ase; wɔn a wakum wɔn dɔɔso pa ara.Ne fie yɛ ɛda kwantempɔn a ɛkɔ owuo mpia mu.