Hiob Nwoma 25

Na Suhini Bildad buaa sɛ, “Tumi ne suro wɔ Onyankopɔn; ɔno na ɔhyehyɛ pɛpɛyɛ wɔ ɔsorosoro. Wɔbɛtumi akan nʼakodɔm anaa? Hwan na ne hann nto ngu ne soɔ? Ɔdasani bɛtene Onyankopɔn anim sɛn, na ɛbɛyɛ dɛn na deɛ ɔbaa awo no ho bɛteɛ? Mpo sɛ ɔsrane nhyerɛn na nsoromma ho nte wɔ nʼani so a, na nkantom onipa a ɔte sɛ nsaama, onipa ba a ɔyɛ ɔsonsono kɛkɛ!”

Asante Twi Bible

copyright © 1996, 2020 Biblica, Inc — CC-BY-SA-4.0 — CC-BY-SA-4.0

뉴스레터 구독

새로운 프로필과 행사, 플랫폼 소식을 받아 보세요.