Awurade, wo ne me Nyankopɔn; mɛma wo so na mayi wo din ayɛ, efisɛ wufi nokwaredi mu, ayɛ anwonwade bebree, nneɛma a wɔahyehyɛ fi teteete.Woayɛ kuropɔn no nnwiriwii siw, kurow no a ɛwɔ bammɔ no asɛe; ananafo abandennen no nyɛ kuropɔn bio; na wɔrensi bio.Enti aman a wɔyɛ den bedi wo ni atutuwpɛfo aman bɛhyɛ wo anuonyam.Woayɛ ahiafo guankɔbea, ohiani mmɔborɔni guankɔbea, ahum ano ahintawee ɔhyew mu nwini na atirimɔdenfo home te sɛ ahum a ɛrebɔ dwira ɔfasune ɔhyew a ɛwɔ nweatam so. Wobrɛ ananafo huuyɛ ase; sɛnea omununkum brɛ owia hyew ano ase no, saa ara na atirimɔdenfo nnwom nso begyae.Asafo Awurade bɛto pon wɔ saa bepɔw yi so obesiesie nnuan pa ne nsa a adi nna; nam pa ne nsa pa ama nnipa nyinaa.Wɔ bepɔw yi so, ɔbɛsɛe ntama a ɛkata nnipa nyinaa ho ne nkataso a ɛkata aman nyinaa so no;Ɔbɛmene owu afebɔɔ. Asafo Awurade bɛpepa ani so nusu nyinaa. Obeyi ne nkurɔfo ahohora, afi nsase nyinaa so. Awurade, na waka.Saa da no, wɔbɛka se, “Ampa ara yɛn Nyankopɔn ni; yɛde yɛn ho too no so na ogyee yɛn; Awurade no ni, yegyee no dii; momma yenni ahurusi na yɛn ani nnye wɔ ne nkwagye no mu.”Awurade nsa bɛda saa bepɔw yi so; nanso obetiatia Moab so te sɛ sare a wotiatia so de fra sumina.Wɔbɛtrɛtrɛw wɔn nsa mu wɔ so, sɛnea asuguarefo trɛtrɛw wɔn nsa mu de guare. Onyankopɔn bɛbrɛ wɔn ahomaso ase a ɔrenhwɛ wɔn nsa ano dwumadi ho.Obebubu mo bammɔ afasu atenten no agu, obebubu agu fam ama ayɛ mfutuma.