Hiob Nhoma 25

Na Suhini Bildad buae se, “Tumi ne suro wɔ Onyankopɔn; ɔno na ɔhyehyɛ pɛpɛyɛ wɔ ɔsorosoro. Wobetumi akan nʼakofo ana? Hena na ne hann nhyerɛn wɔ ne so? Ɛno de, ɛbɛyɛ dɛn na ɔdesani betumi ateɛ wɔ Onyankopɔn anim? Ɛbɛyɛ dɛn na nea ɔbea awo no no bɛyɛ kronn? Mpo sɛ ɔsram nhyerɛn na nsoromma nyɛ kronn wɔ nʼani so a, na nkantom onipa a ɔte sɛ nsaammoa, onipa ba a ɔyɛ osunson bi kɛkɛ!”

Akuapem Twi Bible

copyright © 1996, 2020 Biblica, Inc — CC-BY-SA-4.0 — CC-BY-SA-4.0

뉴스레터 구독

새로운 프로필과 행사, 플랫폼 소식을 받아 보세요.