Akyiri no Hiob kasae, na ɔdomee da a wɔwoo no.Ɔkae se,“Ma da a wɔwoo me no nyera, ne anadwo a wɔkae se, ‘Wɔawo ɔbabarima no!’Saa da no nnuru sum; mma Ɔsoro Nyankopɔn nhwehwɛ akyi kwan; mma hann biara ntɔ ngu so.Ma sum ne owusum nnye no mfa; ma omununkum nkata so; na sum mmunkam ne hann so.Ma sum kabii nnye saa anadwo no mfa; ma wonyi saa anadwo no mfi asranna so na wɔmmfa nhyɛ ɔsram biara mu.Saa anadwo no nyɛ obonin; mma wɔnnte anigye nteɛmu wɔ mu.Ma wɔn a wɔdome nna no nnome saa da no; wɔn a wɔayɛ krado sɛ wɔbɛkanyan dɛnkyɛmmirampɔn no.Ma nʼanɔpa nsoromma nnuru sum; na ɔntwɛn adekyee kwa a onhu anɔpawia nsensanee a edi kan no,efisɛ anto nea ɔwoo me no awotwaa mu ama wawo me na anka mʼani renhu saa abɛbrɛsɛ yi.“Adɛn nti na manwu awoe hɔ, bere a mifi me na awotwaa mu no?Adɛn nti na nkotodwe gyee me ne nufu sɛ minnum?Anka sesɛɛ meda hɔ asomdwoe mu; anka mada regye mʼahomeme ne wiase ahemfo ne fotufo, wɔn a wosisii adan maa wɔn ho na nnɛ yi abubu no,me ne ahenemma a na wɔwɔ sika kɔkɔɔ, wɔn a wɔde dwetɛ hyɛɛ wɔn afi mu ma.Anaasɛ adɛn nti na wɔansie me sɛ ɔpɔnba, te sɛ akokoaa a wanhu adekyee hann da?Ɛhɔ na amumɔyɛfo gyae basabasayɛ, na abrɛfo nya ahomegye.Nneduafo nso nya wɔn ahofadi; na wɔnte nnommumfo wuranom ateɛteɛ bio.Nketewa ne akɛse wɔ hɔ, na akoa de ne ho fi ne wura nsam.“Adɛn nti na wɔma mmɔborɔfo hann, na ɔkra mu ahohiahiafo nya nkwa,wɔn a wɔn kɔn dɔ owu nanso ɛmma, wɔn a wɔbrɛ hwehwɛ owu sen sɛnea wɔhwehwɛ nnwetɛbona,wɔn a anigye ahyɛ wɔn ma na wodu ɔda mu a wodi ahurusi.Adɛn nti na wɔde nkwa ma onipa a ne kwan ahintaw, nea Onyankopɔn aka no ahyɛ mu?Ahomekokogu adan mʼaduan; na mʼapinisi gu te sɛ nsu.Nea na misuro no aba me so; nea na ɛbɔ me hu no ato me.Minni ahotɔ, minni asomdwoe; minni ahomegye na mmom, ɔhaw nko ara.”