Na Suhini Bildad buae se,“Bere bɛn na wubegyae kasa tenten yi? Dwene ho yiye, na afei yebetumi akasa.Adɛn nti na wofa yɛn sɛ anantwi na wususuw sɛ yennim nyansa yi?Wo a wode abufuw tetew wo mu nketenkete, wo nti na yemfi asase so anaasɛ wonnwiriw abotan mfi wɔn sibea ana?“Omumɔyɛfo kanea adum; na ne gya nnɛw bio.Hann a ɛwɔ ne ntamadan mu duru sum; kanea a esi ne ho no dum.Nʼanammɔntu mu ahoɔden ano bɛbrɛ ase; nʼankasa nhyehyɛe hwe no ase.Nʼanammɔn de no kɔ afiri mu, na okyinkyin kɔtɔ ne tan mu.Afiri so ne nantin na eso ne mu dennen.Wɔasum no afiri ahintaw wɔ fam; afiri wɔ ne kwan mu.Ahunahuna ma ɔbɔ huboa wɔ ne ho nyinaa na ɛhaw no wɔ nʼanammɔntu biara mu.Atoyerɛnkyɛm kɔn dɔ no; na sɛ ɔhwe ase a, amanehunu retwɛn no.Ɛwewe ne honam ani baabi; na owu di kan sɛe nʼakwaa.Wɔtwe no fi ne ntamadan bammɔ mu na wɔde no brɛ ahunahunahene.Ogya te ne ntamadan mu; na wɔabɔ sufre a ɛredɛw apete nʼatenae.Ne ntin wuwu wɔ ase na ne mman nso wu wɔ soro.Wɔnnkae no asase so bio; na onni din wɔ asase so.Wɔka no fi hann mu kɔ sum mu na wɔpam no fi wiase.Onni mma anaa nananom wɔ ne nkurɔfo mu, na nʼaseni biara renka wɔ baabi a ɔtenae.Nnipa a wofi atɔe fam ho adwiriw wɔn wɔ nea ato no no ho; na aninyanne bunkam wɔn a wɔwɔ apuei fam no so.Ampa ara, sɛɛ na omumɔyɛfo atenae te; sɛɛ ne beae a nea onnim Onyankopɔn no te.”