Ɛster Nwoma 10

Ɔhene Ahasweros hyɛɛ sɛ wɔntua toɔ wɔ nʼahemman mu, a mpo wɔn a wɔwɔ mpoano akyirikyiri no nyinaa ka ho. Ne mmaninyɛ ne Mordekai akunini nneyɛɛ ne sɛdeɛ ɔhene pagyaa no nyinaa no, wɔatwerɛ wɔ Media ne Persia ahemfo abakɔsɛm mu. Yudani Mordekai bɛyɛɛ ɔman panin a ne tumi di ɔhene Ahasweros ankasa deɛ akyi. Na ɔdi mu wɔ Yudafoɔ no mu. Na wɔbu no yie, ɛfiri sɛ, na ne nkurɔfoɔ yiedie yɛ nʼahiasɛm. Na ɔne ahemfie hɔfoɔ nyinaa tenaa yie.

Asante Twi Bible

copyright © 1996, 2020 Biblica, Inc — CC-BY-SA-4.0 — CC-BY-SA-4.0

订阅我们的新闻通讯

及时了解新的资料页、活动与平台更新。