Nnwom 129

“Wɔahyɛ me so pii firi me mmɔfraase, ma Israel nka. “Wɔahyɛ me so pii firi me mmɔfraase, nanso wɔntumi nnii me so nkonim. Fentemfoɔ afentem mʼakyi ayɛ wɔn nkofie atentene. Nanso Awurade yɛ ɔteneneeni; Watwitwa amumuyɛfoɔ nhoma afiri me ho.” Ma wɔn a wɔtan Sion nyinaa mfa animguaseɛ nsane wɔn akyi. Ma wɔnyɛ sɛ ɛserɛ a ɛwɔ ɔdan atifi, ɛnnyini na ahye; Ɛremma otwafoɔ nya biribi wɔ ne nsam, na deɛ ɔboaboa ano nso renya hwee nʼabasa so. Mma wɔn a wɔtwam hɔ nnka sɛ, “ Awurade nhyira mmra mo so; yɛhyira mo wɔ Awurade din mu.”

Asante Twi Bible

copyright © 1996, 2020 Biblica, Inc — CC-BY-SA-4.0 — CC-BY-SA-4.0

订阅我们的新闻通讯

及时了解新的资料页、活动与平台更新。