Odiyifoɔ Hosea Nwoma 14

Ao Israel, sane wʼakyi kɔ Awurade wo Onyankopɔn nkyɛn. Wʼahweaseɛ firi wo bɔne! Fa wo nsɛm a wowɔ sane kɔ Awurade nkyɛn. Ka kyerɛ no sɛ, “Fa yɛn bɔne nyinaa kyɛ yɛn, na fa ahummɔborɔ gye yɛn, na yɛatumi ayi wo ayɛ. Asiria rentumi nnye yɛn; yɛrentena akofoɔ apɔnkɔ so. Yɛrenka bio da sɛ, ‘Yɛn anyame’nkyerɛ deɛ yɛn ara de yɛn nsa ayɛ, na wo mu na nwisiaa nya ahummɔborɔ.” “Mɛsa wɔn asobrakyeɛ yadeɛ. Mɛfiri mʼakoma mu adɔ wɔn, ɛfiri sɛ mʼabufuo nni wɔn so bio. Mɛyɛ sɛ obosuo ama Israel. Ɔbɛfefɛ ayɛ frɔmm te sɛ sukooko. Te sɛ Lebanon ntweneduro no ɔde ne nhini bɛtim fam; ne mman bɛdennan. Nʼahoɔfɛ bɛyɛ sɛ ngo dua, na ne hwa ayɛ sɛ Lebanon ntweneduro. Nnipa bɛtena ne nwunu ase bio. Ɔbɛnyini ayɛ frɔmm te sɛ aburoo. Ɔbɛfefɛ ayɛ frɔmm te sɛ bobe, na ne din a ahyeta bɛyɛ sɛ nsã a ɛfiri Lebanon. Ao, Efraim ɛdeɛn na me ne ahoni wɔ yɛ bio? Mɛgye no so na mʼani aku ne ho. Mete sɛ dua a nʼahahan mpo; sɛ wobɛso aba a, ɛgyina me so.” Hwan ne onyansafoɔ? Ɔbɛhunu yeinom mu. Hwan na ɔwɔ nhunumu? Ɔbɛte yeinom ase. Awurade akwan tene. Ateneneefoɔ nante so, nanso asoɔdenfoɔ sunti so.

Asante Twi Bible

copyright © 1996, 2020 Biblica, Inc — CC-BY-SA-4.0 — CC-BY-SA-4.0

订阅我们的新闻通讯

及时了解新的资料页、活动与平台更新。