Awurade ka kyerɛɛ Mose sɛ,“Ka kyerɛ Israelfoɔ no sɛ, ‘Sɛ mobɛduru Kanaan asase no so a, asase a mede rema mo sɛ mo ankasa asase no a, sɛi na mo ahyeɛ bɛyɛ:“ ‘Asase no anafoɔ fam no bɛyɛ Sin ɛserɛ so a ɛda Edom ano. Anafoɔ hyeɛ no ano bɛfiri Nkyene Ɛpo no.Ɛbɛtoa so akɔtra Akrabbim wɔ anafoɔ hɔ a ɛrekɔ Sin no. Nʼanafoɔ pa ara no bɛyɛ Kades-Barnea, na ɛfiri hɔ akɔsi Hasarada de akɔwie Asmon.Ɛfiri Asmon a, ɛhyeɛ no bɛkɔ ara akɔsi Misraim asuwa no mu na ano akɔpem Po Kɛseɛ no ano.Mo hyeɛ a ɛwɔ atɔeɛ no bɛyɛ Po Kɛseɛ a ɛda hɔ no.Mo hyeɛ a ɛda atifi no bɛfiti aseɛ wɔ Po Kɛseɛ no ano, na atoa so akɔ apueeɛ fam akɔsi bepɔ Hor,de akɔ Lebo Hamat na akɔ Sedadne Sifron akɔ Hasar-Enan.Apueeɛ hyeɛ no bɛfiri Hasar-Enan anafoɔ akɔ Sefamakɔsi Ribla wɔ Ain apueeɛ fam. Ɛfiri hɔ a, ɛbɛkɔ akɔpem Kineret ɛpo no wɔ apueeɛ fam,na asiane afiri Asubɔnten Yordan, na akɔpem Nkyene Ɛpo no. “ ‘Sɛdeɛ mo asase ahyeɛ teɛ nie.’ ”Afei Mose ka kyerɛɛ Israelfoɔ no sɛ, “Yei ne asase a mobɛbɔ so ntonto akyekyɛ afa no. Awurade ahyɛ sɛ mmusua nkron ne fa a aka no na wɔbɛkyekyɛ mu afa.Ruben ne Gad mmusuakuo no ne Manase abusua fa no deɛ, wɔama wɔn asase no biwɔ Yordan apueeɛ fam a ɛne Yeriko di nhwɛanimu no.”Awurade ka kyerɛɛ Mose sɛ,“Nnipa a wɔn edin didi so yi na mayi wɔn sɛ wɔnkyekyɛ asase no mu: ɔsɔfoɔ Eleasa, Nun babarima Yosua.Yi abusua biara mu ɔpanin baako na ɔmmoa wɔn nni saa dwuma yi.“Wɔn edin na ɛdidi soɔ yi: “Yuda abusuakuo ntuanoni, Yefune babarima Kaleb;Simeon abusuakuo ntuanoni, Amihud babarima Semuel;Benyamin abusuakuo ntuanoni, Kislon babarima Elidad;Dan abusuakuo ntuanoni, Yogli babarima Buki;Yosef babarima Manase abusuakuo ntuanoni, Efod babarima Haniel;Yosef babarima Efraim abusuakuo ntuanoni, Siftan babarima Kemuel;Parknak babarima Elisafan, Sebulon abusuakuo ntuanoni;Asan babarima Paltiel, Isakar abusuakuo ntuanoni;Selomi babarima Ahihud, Aser abusuakuo ntuanoni;Amihud babarima Pedahel, Naftali abusuakuo ntuanoni.”Saa nnipa yi na Awurade yii wɔn sɛ wɔnhwɛ nkyekyɛ Kanaan asase no mu mma Israelfoɔ no.