Monkamfo Awurade. Ao, mo Awurade asomfoɔ, monkamfo no, monkamfo Awurade din.Momma wɔnkamfo Awurade din, seesei ne daa nyinaa.Ɛfiri baabi a owia pue kɔsi faako a ɔkɔtɔ, ma wɔnkamfo Awurade din.Wɔama Awurade so aman nyinaa so, nʼanimuonyam tra ɔsorosoro.Hwan na ɔte sɛ Awurade yɛn Onyankopɔn, Ɔbaako no a ɔdi ɔhene wɔ ɔsorosoro,ɔno na ɔbɔ ne mu ase hwɛ ɔsorosoro ne asase.Ɔma ahiafoɔ so firi mfuturo mu na ɔpagya onnibie firi nso sie so;ɔde wɔn tena mmapɔmma mu, wɔn nkurɔfoɔ mmapɔmma mu.Ɔbɔ obonini atenaseɛ wɔ ne fie sɛ ɔbaatan a nʼani gyeɛ. Monkamfo Awurade.