Yeinom ne Yudafoɔ nnommumfoɔ a wɔwɔ amantam no mu a wɔfiri nnommum mu baa Yerusalem ne Yuda nkuro bi so no. Ɔhene Nebukadnessar na ɔtwaa wɔn asuo kɔɔ Babilonia.Na wɔn ntuanofoɔ yɛ Serubabel, Yesua, Nehemia, Seraia, Reelaia, Mordekai, Bilsan, Mispar, Bigwai, Rehum ne Baana. Israel mmarima a wɔfiri asutwa mu baeɛ no dodoɔ nie:Dodoɔ a wɔyɛ Paros abusuafoɔ 2,172Sefatia abusuafoɔ 372Arah abusuafoɔ 775Pahat-Moab abusuafoɔ (Yesua ne Yoab asefoɔ) 2,812Elam abusuafoɔ 1,254Satu abusuafoɔ 945Sakai abusuafoɔ 760Bani abusuafoɔ 642Bebai abusuafoɔ 623Asgad abusuafoɔ 1,222Adonikam abusuafoɔ 666Bigwai abusuafoɔ 2,056Adin abusuafoɔ 454Ater abusuafoɔ (Hesekia asefoɔ) 98Besai abusuafoɔ 323Yora abusuafoɔ 112Hasum abusuafoɔ 223Gibar abusuafoɔ 95Betlehemfoɔ 123Netofafoɔ 56Anatotfoɔ 128Asmawetfoɔ 42Kiriat-Yearimfoɔ, Kefirafoɔ ne Beerotfoɔ 743Ramafoɔ ne Gebafoɔ 621Mikmasfoɔ 122Bet-Elfoɔ ne Aifoɔ 223Nebo ɔman mma 52Magbis ɔman 156Elam ɔman mma 1,254Harim ɔman mma 320Lod, Hadid ne Ono ɔman mma 725Yeriko ɔman mma 345Senaa ɔman mma 3,630Yeinom ne asɔfoɔ a wɔfiri asutwa mu baeɛ: Yedaia abusuafoɔ (a ɛfa Yesua fiefoɔ) 973Imer abusuafoɔ 1,052Pashur abusuafoɔ 1,247Harim abusuafoɔ 1,017Yeinom ne Lewifoɔ a wɔfiri asutwa mu baeɛ: Yesua ne Kadmiel abusuafoɔ (Hodawia asefoɔ) 74Nnwontofoɔ: Asaf abusuafoɔ 128Aponoanohwɛfoɔ: Salum, Ater, Talmon abusuafoɔ Akub, Hatita ne Sobai abusuafoɔ 139Asɔredan asomfoɔ: Siha, Hasufa, Tabaot asefoɔ,Keros, Siaha, Padon asefoɔ,Lebana, Hagaba, Akub asefoɔ,Hagab, Salmai, Hanan asefoɔ,Gidel, Gahar, Reaia asefoɔ,Resin, Nekoda, Gasam asefoɔ,Usa, Paseah, Besai asefoɔ,Asna, Meunim, Nefus asefoɔ,Bakbuk, Hakufa, Harhur asefoɔ,Baslut, Mehida, Harsa asefoɔ,Barkos, Sisera, Tema asefoɔ,Nesia ne Hatifa.Ɔhene Salomo asomfoɔ asefoɔ yi nso firi asutwa mu baeɛ: Sotai, Hasoferet, Peruda asefoɔ,Yaala, Darkon, Gidel asefoɔ,Sefatia, Hatil, Pokeret-Hasebaim ne Ami.Ne nyinaa mu, na asɔredan mu asomfoɔ ne Salomo asefoɔ asomfoɔ no dodoɔ yɛ 392Saa ɛberɛ no, nnipakuo foforɔ a wɔfiri Tel-Mela, Tel-Harsa, Kerub, Adan ne Imer nkuro so sane baa Yerusalem. Nanso, wɔantumi ankyerɛ mu sɛ, wɔn anaa wɔn abusuafoɔ yɛ Israel asefoɔ. Saa nnipakuo yi ne:Delaia, Tobia ne Nekoda mmusua a wɔn dodoɔ yɛ 652Asɔfoɔ mmusua mmiɛnsa: Habaia, Hakos ne Barsilai no nso sane baa Yerusalem. (Saa Barsilai yi, na waware Barsilai a ɔfiri Gilead no mmammaa no mu baako a enti na wafa nʼabusua din.)Nanso, na wɔayera wɔn abusuadua nwoma no enti wɔamma wɔn ho kwan amma wɔansom sɛ asɔfoɔ.Na amrado no hyɛɛ wɔn sɛ mma wɔn ne asɔfoɔ no nni afɔrebɔ nnuane no, gye sɛ ɔsɔfoɔ bi de ntonto kronkron bɔ a wɔfrɛ no Urim ne Tumim akyerɛ wɔn gyinabea wɔ saa asɛm yi ho.Enti, nnipa dodoɔ a wɔsane baa Yuda no yɛ mpem aduanan mmienu ne ahasa aduosia (42,360),a asomfoɔ mpem nson ahasa aduasa nson (7,337) nka ho, ne nnwomtofoɔ ahanu (200) a wɔyɛ mmarima ne mmaa.Wɔde apɔnkɔ ahanson aduasa nsia (736), mfunumu ahanu aduanan enum (245),nyoma ahanan aduasa enum (435) ne mfunumpɔnkɔ mpem nsia ne ahanson aduonu (6,720) kaa wɔn ho kɔeɛ.Ɛberɛ a wɔduruu Awurade asɔredan no ho wɔ Yerusalem no, abusua ntuanofoɔ no bi firii akoma pa mu yii ntoboa a wɔde bɛsiesie Awurade asɔredan no wɔ ne siberɛ dada mu hɔ.Na ntuanoni biara maa deɛ ɔbɛtumi. Akyɛdeɛ a wɔde maeɛ no nyinaa ano sii sikakɔkɔɔ sika pranpran ɔpeduosia baako (61,000), dwetɛ nkariboɔ kilogram mpem mmiɛnsa (3,000) ne asɔfotadeɛ ɔha (100) a wɔde bɛma asɔfoɔ.Enti, asɔfoɔ, Lewifoɔ, nnwomtofoɔ, aponoanohwɛfoɔ, asɔredan mu asomfoɔ ne ɔman mma no bi tenaa nkuraa a ɛbɛn Yerusalem. Nkaeɛ no sane kɔɔ Yuda nkuro afoforɔ bi a wɔfifirii hɔ baeɛ no so.