Awurade, nka mʼanim wɔ wʼabufuw mu na ntwe mʼaso wɔ wʼabufuwhyew mu.Wo bɛmma hwirew me mu, na wo nsa adwerɛw me.Wʼabufuwhyew no nti ahoɔden biara nni me mu; me bɔne nti, me nnompe ahodwow.Mʼafɔdi amene me te sɛ adesoa a mu yɛ duru dodo.Mʼakuru bɔn na aporɔw esiane me bɔne mu agyimisɛm nti.Makotow na wɔabrɛ me ase; da mu nyinaa menantenantew twa agyaadwo.Mʼakyi dompe mu yaw boro so: ahoɔden biara nni me nipadua mu.Mabrɛ na mapɛtɛw koraa. Me koma mu yaw ma misi apini.Awurade, nea merehwɛ anim nyinaa da wʼanim; mʼapinisi nhintaw wo.Me koma bɔ kitirikitiri, na mʼahoɔden asa mpo mʼaniwa aduru sum.Mʼapirakuru nti me nnamfonom ne me yɔnkonom mmɛn me; mʼafipamfo twe wɔn ho fi me ho.Wɔn a wɔpɛ sɛ wokum me no sum me mfiri, wɔn a wɔpɛ sɛ wɔhaw me no di me sɛe ho nkɔmmɔ da mu nyinaa wodwen nnaadaasɛm ho.Mete sɛ ɔsotifo a ɔnte asɛm, mete sɛ mum a ontumi nkasa.Mayɛ sɛ obi a ɔnte asɛm, nea nʼano ntumi mma mmuae.Awurade, meretwɛn wo; Awurade me Nyankopɔn, wubegye me so.Mekae se, “Mma wɔn ani nnye; anaa wɔmma wɔn ho so bere a mʼanan awatiri no.”Mereyɛ mahwe ase, na me yaw da so wɔ me mu.Meka me mfomso kyerɛ; me bɔne hyɛ me so.Bebree na wɔyɛ mʼatamfo; wɔn a wɔtan me kwa no dɔɔso.Wɔn a wɔde bɔne tua me papa so ka no, bɔ me ahohora bere a mereyɛ papa.Awurade nnyaw me. Me Nyankopɔn, nkɔ akyiri!Bra ntɛm bɛboa me, Awurade, mʼAgyenkwa.