Nkɔmhyɛ a ɛfa Babilonia, anweatam no a ɛda Po no ho: Sɛdeɛ twahoframa a ɛbɔ fa anafoɔ fam asase so no yɛ no, saa ara na ɔtohyɛsoɔni bi firi anweatam so reba. Ɔfiri asase a ɛyɛ hunabɔbrim so.Wɔde anisoadehunu a ɛyɛ nwanwa akyerɛ me: Ɔfatwafoɔ bi redi hwammɔ. Ɔfomfoɔ bi refa afodeɛ. Elam reto ahyɛ ɔman bi so! Media rebɔ pampim! Mede apinisie a Babilonia de baeɛ no nyinaa bɛba awieeɛ.Yei ama ɔyea bi abɛhyɛ me mu, ɔyea aka me, te sɛ ɔbaa a awoɔ aka no; deɛ meteɛ no enti mentumi nnyina me nan so, deɛ mehunu no ama me ho adwiri me.Mʼakoma bɔ paripari, ehu ma me ho popo; na ɛhan a mepɛɛ sɛ mehunu no abɛyɛ adeɛ a ɛbɔ me hu.Wɔto ɛpono, wɔde kuntu akɛtɛ sesɛ fam, wɔdidi, na wɔnom! Monsɔre mo asraafoɔ mpanimfoɔ, momfa ngo nsrasra mo akyɛm ho!Yei ne deɛ Awurade ka kyerɛ me: “Fa ɔwɛmfoɔ kɔgyina hɔ na ɔnka deɛ ɔhunu nkyerɛ wo.Sɛ ɔhunu nteaseɛnam ne apɔnkɔ akuakuo, wɔn a wɔtete mfunumu so ne wɔn a wɔtete nyoma so a, ɔnwɛn nʼaso wɛn pa ara.”Na ɔwɛmfoɔ no teaam sɛ, “Me wura da biara megyina ɔwɛn aban no so anadwo biara, megyina hɔ.Hwɛ, ɔbarima bi a ɔte teaseɛnam mu na ɔreba yi ɔne apɔnkɔ dɔm. Na ɔwɛmfoɔ no kaa sɛ, ‘Babilonia ahwe ase, wahwe ase! Nʼanyame ne nʼahoni nyinaa abubu agu fam!’ ”Ao, me nkurɔfoɔ a wɔadwera mo wɔ ayuporeeɛ ase meka deɛ mateɛ kyerɛ mo, deɛ ɛfiri Asafo Awurade, deɛ ɛfiri Israel Onyankopɔn hɔ.Nkɔmhyɛ a ɛfa Duma ho: Obi frɛ me firi Seir, “Ɔwɛmfoɔ, berɛ bɛn na adeɛ bɛkye? Ɔwɛmfoɔ, aka nnɔnhwere ahe ansa na adeɛ akye?”Ɔwɛmfoɔ no bua sɛ, “Adeɛ rekye, nanso adeɛ bɛsa. Sɛ wobɛbisa bio a sane bra bɛbisa.”Adehunu a ɛfa Arabia ho: Mo Dedan akwantufoɔ a mosoɛ wɔ Arabia adɔtɔ ase,Momfa nsuo mmrɛ wɔn a sukɔm de wɔn; mo a motete Tema, mommrɛ adwanefoɔ aduane.Wɔdwane firi akofena a watwe tadua a wɔakuntun mu ne ɔko a ɛgyina mu ano.Yei ne deɛ Awurade ka kyerɛ me, “Afe baako mu no, sɛdeɛ wɔkan ɔpaani mfeɛ no, Kedar kɛseyɛ to bɛtwa.Na agyantofoɔ a wɔbɛka ne Kedar akofoɔ bɛyɛ kakraa bi.” Deɛ Awurade, Israel Onyankopɔn, aka nie.