Eyinom ne Yudafo nnommum a wɔwɔ amantam no mu a wofi asutwa mu baa Yerusalem ne Yuda nkurow bi so no. Ɔhene Nebukadnessar na otwaa wɔn asu kɔɔ Babilonia.Na wɔn ntuanofo yɛ Serubabel, Yesua, Nehemia, Seraia, Reelaia, Mordekai, Bilsan, Mispar, Bigwai, Rehum ne Baana. Israel mmarima a wofi asutwa mu bae no dodow ni:Dodow a wɔyɛ Paros asefo 2,172Sefatia asefo 372Arah asefo 775Pahat-Moab asefo (Yesua ne Yoab asefo) 2,812Elam asefo 1,254Satu asefo 945Sakai asefo dodow yɛ 760Bani asefo dodow yɛ 642Bebai asefo dodow yɛ 623Asgad asefo dodow yɛ 1,222Adonikam asefo dodow yɛ 666Bigwai asefo dodow yɛ 2,056Adin asefo dodow yɛ 454Ater asefo (Hesekia asefo) dodow yɛ 98Besai asefo dodow yɛ 323Yora asefo dodow yɛ 112Hasum asefo dodow yɛ 223Gibar asefo dodow yɛ 95Betlehemfo dodow yɛ 123Netofafo dodow yɛ 56Anatotfo dodow yɛ 128Asmawetfo dodow yɛ 42Kiriat-Yearimfo, Kefirafo ne Beerotfo dodow yɛ 743Ramafo ne Gebafo dodow yɛ 621Mikmasfo dodow yɛ 122Bet-Elfo ne Aifo dodow yɛ 223Nebo ɔmanmma dodow yɛ 52Magbis ɔman dodow yɛ 156Elam ɔmanmma dodow yɛ 1,254Harim ɔmanmma dodow yɛ 320Lod, Hadid ne Ono manmma dodow yɛ 725Yeriko ɔmanmma dodow yɛ 345Senaa ɔmanmma dodow yɛ 3,630Eyinom ne asɔfo dodow a wofi nnommum mu bae: Yedaia asefo (a wɔnam Yesua fi so) dodow yɛ 973Imer asefo dodow yɛ 1,052Pashur asefo dodow yɛ 1,247Harim asefo dodow yɛ 1,017Eyinom ne Lewifo a wofi nnommum mu bae: Yesua ne Kadmiel asefo (Hodawia asefo) dodow yɛ 74Nnwontofo: Asaf asefo mu nnwontofo dodow yɛ 128Aponanohwɛfo: Salum, Ater, Talmon asefo Akub, Hatita ne Sobai asefo 139Saa asɔredan mu asomfo asefo yi na wofi nnommum mu bae: Siha, Hasufa, Tabaot,Keros, Siaha, Padon,Lebana, Hagaba, Akub,Hagab, Samlai, Hanan,Gidel, Gahar, Reaia,Resin, Nekoda, Gasam,Usa, Paseah, Besai,Asna, Meunim, Nefisi,Bakbuk, Hakufa, Harhur,Baslut, Mehida, Harsa,Barkos, Sisera, Tema,Nesia ne Hatifa.Ɔhene Salomo asomfo asefo yi nso fi nnommum mu bae: Sotai, Hasoferet, Peruda,Yaala, Darkon, Gidel,Sefatia, Hatil, Pokeret-Hasebaim ne Ami.Na asɔredan mu asomfo ne Salomo asomfo asefo no dodow yɛ 362Saa bere no, kuw foforo a wofi Tel-Melah, Tel-Harsa, Kerub, Adan ne Imer nkurow so san baa Yerusalem. Nanso wɔantumi ankyerɛ mu sɛ, wɔn anaa wɔn abusuafo yɛ Israel asefo. Saa nnipakuw yi ne:Delaia, Tobia ne Nekoda mmusua a wɔn dodow yɛ 652Asɔfo mmusua abiɛsa: Habaia, Hakos ne Barsilai no nso san baa Yerusalem. (Saa Barsilai yi, na waware Barsilai a ofi Gilead no mmabea no mu baako a enti na wafa nʼabusua din.)Nanso, na wɔayera wɔn anato nhoma no nti wɔmma wɔn ho kwan ansom sɛ asɔfo.Na amrado no mma kwan mma wonnni afɔrebɔ nnuan mu kyɛfa mpo, gye sɛ ɔsɔfo bi wɔ hɔ a ɔnam ntontobɔ kronkron so bisa Awurade.Enti nnipa a wɔsan baa Yuda no nyinaa dodow yɛ mpem aduanan abien, ahaasa ne aduosia (42,360),a asomfo mpem ason ahaasa aduasa ason (7,337) nka ho, ne nnwontofo ahannu (200) a wɔyɛ mmarima ne mmea.Wɔde apɔnkɔ ahanson aduasa asia (736), mfurum ahannu aduanan anum (245),yoma ahannan aduasa anum (435) ne mfurumpɔnkɔ mpem asia ne ahanson aduonu (6,720) kaa wɔn ho kɔe.Bere a woduu Awurade asɔredan no ho wɔ Yerusalem no, abusua ntuanofo no bi fii koma pa mu yii ntoboa a wɔde besiesie Awurade asɔredan no wɔ ne sibea dedaw mu hɔ.Na ntuanoni biara maa nea obetumi. Akyɛde a wɔde mae no nyinaa ano sii sikakɔkɔɔ sika nnwetɛbona mpem aduosia baako (61,000), dwetɛ nkaribo pɔn mpem ahansia ahannu aduonum (600,250) na asɔfotade ɔha (100) a wɔde bɛma asɔfo.Enti asɔfo, Lewifo, nnwontofo, aponanohwɛfo, asɔredan mu asomfo ne ɔmanmma no bi tenaa nkuraa a ɛbɛn Yerusalem no. Nkae no san kɔɔ Yuda nkurow afoforo bi a wofi hɔ bae no so.