Me ba, fa me nsɛm sie na kora mʼahyɛde wɔ wo mu.Di mʼahyɛde so na wubenya nkwa; bɔ me nkyerɛkyerɛ ho ban sɛ nea wodɔ no.Kyekyere bɔ wo nsateaa ho; kyerɛw no yiye gu wo koma pon so.Ka kyerɛ nyansa se, “Woyɛ me nuabea,” na frɛ ntease wo busuani;Wɔbɛtwe wo afi ɔbeawaresɛefo ho, afi ɔbeawarefo huhuni nsɛmmɔdɛ ho.Me fi mfɛnsere ano, mede mʼani faa mfɛnsere mu.Mihuu wɔ ntetekwaafo mu, mehyɛɛ mmerante no mu baako nsow, ɔbabun a onni adwene.Na ɔnam borɔn a ɛbɛn ɔbea no fi so a nʼani kyerɛ ɔbea no fibere a onwini redwo, na anim rebiribiri no.Afei ɔbea bi fi behyiaa no a wasiesie ne ho sɛ oguamanfo a nnaadaa wɔ ne koma mu.(Ɔyɛ hyirenn na hwee mfa ne ho, ɔntena fie koraa;nnɛ wohu no mmɔnten so, ɔkyena na ɔte aguabɔbea, ɔtetɛw wɔ mmantwea mmantwea.)Osoo ne mu few nʼano, wamfɛre, na ɔkae se,“Mewɔ asomdwoe afɔrebɔde wɔ fie; nnɛ madi me bɔhyɛ so.Enti mebae sɛ merebehyia wo; mehwehwɛɛ wo na mahu wo!Mato me mpa, mede nwera a wɔahyɛ no aduru a efi Misraim.Mede nnuhuam apete me mpa so: kurobow, pɛprɛ ne dupapo.Bra, ma yɛmfa ɔdɔ mmɔ ɔdɔ mu nkosi anɔpa;Me kunu nni fie; watu kwan na ɔbɛkyɛ.Ɔde sika a ɛdɔɔso hyɛɛ ne sika kotoku ma na ɔremma kosi ɔsram no kurokumatwa bere mu.”Ɔde tɛkrɛmakyene bɔɔ no adafa; ɔde nnaadaa nyaa no ne no dae.Odii nʼakyi prɛko pɛ te sɛ nantwi a ɔrekɔ akumii, anaa ɔwansan a ɔde ne ti rekɔhyɛ hankare fi mukosi sɛ bɛmma bɛwɔ ne brɛbo mu, te sɛ anomaa a ɔrekɔtɔ anomaa afiri mu na onnim sɛ ɔbɛhwere ne nkwa.Na afei, me mma, muntie me; monyɛ aso mma nea meka.Mommma mo koma mpatiri nkɔ no so na momman mmfa nʼakwan so.Bebree na wɔnam no so ahwehwe ase; wɔn a wakum wɔn dɔɔso pa ara.Ne fi yɛ ɔda tempɔn a ɛkɔ owu pia mu.