Momfa mma Awurade no, Ao ɔsoro abɔdeɛ, momfa animuonyam ne tumi mma Awurade.Momfa animuonyam a ɛfata Awurade din mma no; monsɔre Awurade wɔ nʼanimuonyam kronkron mu.Awurade nne wɔ nsuo no so; animuonyam Onyankopɔn bobom, Awurade bobom wɔ nsuo akɛseɛ so.Awurade nne mu wɔ tumi; Awurade nne mu wɔ animuonyam.Awurade nne bubu ntweneduro; Awurade nne bubu Lebanon ntweneduro mu nketenkete.Ɔma Lebanon hurihuri te sɛ nantwie ba, na Sirion nso sɛ ɛkoɔ ba.Awurade nne pa ma anyinam ogya dɛreAwurade nne woso ɛserɛ so; Awurade woso Kades serɛ.Awurade nne kyinkyim adum na ɛma kwaeɛ yɛ kwaterekwa. Nʼasɔredan mufoɔ nyinaa team ka sɛ, “Animuonyam nka Onyankopɔn!”Awurade di ɔhene wɔ nsuyire so; wɔasi Awurade ɔhene afebɔɔ.Awurade ma ne nkurɔfoɔ ahoɔden, na ɔde asomdwoeɛ hyira wɔn.