Nnwom 126

Ɛberɛ a Awurade de Sion firi nnommum sane baeɛ no, yɛyɛɛ sɛ nnipa a wɔasoso adaeɛ. Sereɛ hyɛɛ yɛn anomu ma, anigyeɛ nnwom yɛɛ yɛn tɛkrɛma so ma. Na wɔkaa wɔ amanaman no mu sɛ, “ Awurade ayɛ nneɛma akɛseɛ ama wɔn.” Awurade ayɛ nneɛma akɛseɛ ama yɛn na anigyeɛ ahyɛ yɛn ma. Ao Awurade, sane fa yɛn ahonya ma yɛn, te sɛ nsuwa nsuwa a ɛwɔ Negeb no. Wɔn a wɔdua no nisuo mu no de anigyeɛ nnwom bɛtwa. Deɛ ɔde osu firi adie na ɔsoa aba kɔdua no, ɔde anigyeɛ nnwom bɛsane aba a ɔso nnɔbaeɛ afiafi.

Asante Twi Bible

copyright © 1996, 2020 Biblica, Inc — CC-BY-SA-4.0 — CC-BY-SA-4.0

Subscribe to our newsletter

Stay updated with new profiles, events, and platform updates.