Sɛ anka Awurade nni yɛn afa a, ma Israel nka.Sɛ anka Awurade nni yɛn afa ɛberɛ a nnipa to hyɛɛ yɛn so,ɛberɛ a wɔn abufuo sɔree tiaa yɛn a, anka wɔmenee yɛn anikann;anka nsuyire no bu faa yɛn so, anka ɔhweam no twee yɛn kɔeɛ,anka nsuo a ano yɛ den no afa yɛn kɔ.Nkamfoɔ nka Awurade a wɔamma ho kwan amma wɔamfa wɔn se antete yɛn mu.Yɛadwane sɛ anomaa afiri afirisumfoɔ afidie mu; afidie no mu abubu, ama yɛanya ɛkwan adwane.Yɛn mmoa wɔ Awurade din mu, ɔsoro ne asase Yɛfoɔ no.