Odiyifo Yesaia Nhoma 12

Saa da no, wobɛka se: “Mɛkamfo wo, Awurade! Ɛwɔ mu wo bo fuw me de, nanso afei wʼabufuw ano adwo. Na woakyekye me werɛ. Nokware, Onyankopɔn ne mʼagyenkwa; mede me ho bɛto no so, na merensuro. Awurade, Awurade ne mʼahoɔden ne me dwom; na wabɛyɛ me nkwagye.” Wode anigye bɛsaw nsu afi nkwagye mmura mu. Saa da no wobɛka se, “Da Awurade ase, bɔ ne din ma amanaman nhu nea wayɛ, na pae mu ka se wɔama ne din so. To dwom ma Awurade, efisɛ, wayɛ nea ɛwɔ anuonyam bebree. Da eyi adi kyerɛ wiase nyinaa. Momma mo nne so nto dwom anigye so mo a mowɔ Sion, efisɛ Israel Kronkronni a ɔte mo mu no yɛ ɔkɛse.”

Akuapem Twi Bible

copyright © 1996, 2020 Biblica, Inc — CC-BY-SA-4.0 — CC-BY-SA-4.0

Suscribirse a nuestro boletín

Manténgase al día de los nuevos perfiles, eventos y novedades de la plataforma.